Luke 8

Mmea a wodii Yesu akyi

1Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm. 2Ɔrekɔ no, nnipa a na wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahohommɔne ason fii ne mu no, 3ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofii wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.

Okuafo gu aba

4Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se,

5“Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu kwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa bɛsosɔwee. 6Ebi nso koguu abotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ, annya nsu. 7Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui. 8Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

9Na nʼasuafo no bisaa no saa abebu yi ase no, 10obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn abebu mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ nanso wɔrenhu na wɔbɛte nanso wɔrente ase.

Abebu no asekyerɛ

11“Afei abebu no asekyerɛ ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm. 12Aba a eguu kwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye. 13Aba a eguu abotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu nanso entim wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua no nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw. 14Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ. 15Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.

Kanea ho bɛ

16“Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no. 17Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoam no nso ada gua. 18Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”

Yesu ne na ne ne nuanom

19Da bi, Yesu ne na ne ne nuanom pɛe sɛ wɔne no kasa nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa. 20Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se, ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no. 21Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”

Yesu brɛ ahum ase

22Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” Wosiim a wɔrekɔ no, 23Yesu dae. Saa bere no ara mu, ahum kɛse bi tui maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛe sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tui yiye.

24Asuafo no de hu ne nteɛteɛm nyanee no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

25Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa bɛn ni a ahum ne asorɔkye mpo tie no yi?”

Yesu tu ɔbarima bi ahohommɔne

26Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so. 27Yesu fi ɔkorow no mu sii fam pɛ, ɔbarima bi a ahohommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. 28Ohuu Yesu no, ɔteɛɛm, kotow ne nan ase san teɛteɛɛm se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”

29Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ, na Yesu ateɛteɛ ahohommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahohommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne ne nan mpo a, otumi tetew mu ma ahohommɔne no pam no kɔ wuram. 30Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?” Obuaa no se, “Ɛdɔm.” Efisɛ na ahohommɔne ahyɛ no ma. 31Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wonnkogu amanehunu bon no mu.

32Saa bere no mu na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wɔnkɔhyɛn mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. 33Enti ahohommɔne no fii ɔbarima no mu kɔhyɛn mprako no mu ma wɔbɔɔ kiridi, sianee bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui. 34Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛwee wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

35Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn. 36Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no yare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ. 37Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya hɔ nohɔ.

38Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahohommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se,

39“Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.

Yairo babea

40Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ, na wɔatwɛn no abrɛ.

41Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn, bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi 42na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu. Bere a Yesu rekɔ no, na nnipakuw no kyere ne so.

43Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, 44fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amonom hɔ ara, mogya a etu no no twae.

45Yesu bisae se, “Hena na osoo mʼatade ano no?” Obiara buae se, ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”

46Yesu buaa no se, “Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ, mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”

47Ɔbea no hui sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye, ɛno nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no.

48Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me ba, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoe kɔ.”

49Yesu gu so rekasa no, obi fii Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”

50Yesu tee asɛm no, osee Yairo se, “Nsuro, gye di na wo babea no benyan anya nkwa.”

51Ɔduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. 52Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu, di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu, onwui na wada.” 53Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ, na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu.

54Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɔre!” 55Amonom hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. 56Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.

Copyright information for TwiNAK